Enti Wo Hu? by Yaw Owusu Asiamah — Lyrics

Yaw Owusu Asiamah Twi Patriotic music Non-Liturgical / Special Choir Arrangements Concert Solfa notation

Full Lyrics

VERSE 1 Enti wohu? Enti wohu? nea ɔman y'ayɛ Ɛna wote mu saa wonka ho hwee? Wote mu saa wo nyɛ ho hwee Enti prɔyɛ ne kɛtɛasehyɛ adokro wo man yi w'ani nhui? Ɔmanbapa sɔre, wo nso yɛ bi Ghana hia wo mmoa yɛ bi o Ghana hia wo mmoa yɛ bi VERSE 2 Enti wote? Enti wote? nea ɔman yi kɔ Ɛna wote mu saa wonka ho hwee? Wote mu saa wo nyɛ ho hwee Enti prɔyɛ ne kɛtɛasehyɛ adokro wo man yi w'aso nte'e? Ɔmanbapa sɔre, wo nso yɛ bi Ghana hia wo mmoa yɛ bi o Ghana hia wo mmoa yɛ bi CHORUS Dwen ɔman yi ho dwen ɔman yi ho Ghana yɛ w'ara wo man o Gyae pɛsɛmenkome nya ne adufru pɛ Yɛ bi boa wo man Enti prɔyɛ ne kɛtɛasehyɛ adokro wo man yi w'ani nhui? Ɔmanbapa sɔre, wo nso yɛ bi Ghana hia wo mmoa yɛ bi oo Dwen'ɔman Ghana mpuntuo ho ansana, wadwen wo botom Yɛmf'animia ne nsiyɛ nsom ɔman yi Bɛyɛ yie a efri wo Enti'ɔman yi ntete nkodru sɛn? Ɔman yi mporɔ nkodru sɛn? Ɔman yi nnyigya nkodru sɛn? Obiara nsɔre nyɛ bi Yɛmf'animia ne nsiyɛ nsom Yɛmf'animia ne nsiyɛ nsom Yɛmf'animia ne nsiyɛ nsom Ɔman yi bɛyɛ yie a efri wo oo Nsom ɔman yi bɛyɛ yie a efri wo oo CODA Enti wohu? Dwen'ɔman yi ho oo

Download the sheet music

Enti Wo Hu?

Enti Wo Hu?

By Yaw Owusu Asiamah
Solfa
Twi
2 pages
7 Downloads
Patriotic music Non-Liturgical / Special Choir Arrangements Concert
0 0

More lyrics you may want